22 Wɔgu so redwodwo wɔn ho no,+ kurom hɔ mmarima ahuhufoɔ+ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ,+ na wɔpiapiaa wɔn ho wɔ pono no ano; na wɔka kyerɛɛ fiewura akɔkoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a ɔbaa wo fie ha no bra na yɛne no nna.”+
25 Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no de ne yefam+ no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ na wɔne no daeɛ,+ na wɔyɛɛ no basabasa+ anadwo mũ no nyinaa maa adeɛ kyeeɛ. Na animu reteteɛ no, wɔgyaa no maa no kɔeɛ.