-
1 Samuel 26:19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Enti afei, mesrɛ wo, me wura ɔhene, tie w’akoa asɛm a mereka yi: Sɛ Yehowa na ɔrepiapia wo tia me a, ma no nnye me nsam aduane afɔdeɛ.+ Na sɛ ɛyɛ nnipa mma+ nso a, ɛnneɛ wɔadome wɔn Yehowa anim+ ɛfiri sɛ wɔapamo me nnɛ afiri Yehowa agyapadeɛ+ ho sɛdeɛ menni kyɛfa bi wɔ mu, na wɔaka sɛ, ‘Kɔ, kɔsom anyame foforɔ!’+
-