13 Ɛhɔ ara na Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Obiara mfa ne nkrantɛ mmɔ n’asene!”+ Enti obiara faa ne nkrantɛ bɔɔ n’asene, na Dawid nso de ne nkrantɛ bɔɔ n’asene. Na wɔdii Dawid akyi, mmarima bɛyɛ ahanan, na ahanu tenaa wɔn nneɛma ho.+
9 Ɛhɔ ara na Dawid sii kwan soɔ, ɔne mmarima ahansia+ a wɔka ne ho no, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Besor subɔn no ho, na mmarima a wɔantumi antoa soɔ no gyinaeɛ.