Numeri 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Afei wɔde sukraman nwoma+ bɛkata so de ntoma bruu agu so, na wɔde ɛho nnua no ahyehyɛ mu.+ Numeri 4:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Sɛ Israelfoɔ retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefoɔ no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma yi na Kohat asefoɔ no bɛsoa.+ Numeri 4:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ ma wɔn ani bɔ akronkronneɛ no so koraa na wɔanwu.”+ 1 Berɛsosɛm 13:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu Ussa, na ɔbɔɔ no hwee fam sɛ ɔtenee ne nsa kaa Adaka+ no, na ɔwuu Onyankopɔn anim hɔ.+
15 “Sɛ Israelfoɔ retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefoɔ no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma yi na Kohat asefoɔ no bɛsoa.+
10 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu Ussa, na ɔbɔɔ no hwee fam sɛ ɔtenee ne nsa kaa Adaka+ no, na ɔwuu Onyankopɔn anim hɔ.+