1 Samuel 16:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Na Dawid baa Saul nkyɛn bɛsom no;+ ɔpɛɛ n’asɛm yie, na ɔbɛyɛɛ n’akodeɛkurafoɔ.+ 1 Samuel 18:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛnna Saul faa no saa da no, na wamma no ansan ankɔ ne papa fie.+ 1 Samuel 18:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Enti Saul yii no firii ne nkyɛn,+ na ɔsii no apem so panin, na ɔdii ɔman no anim kɔɔ ɔsa daa.+