1 Samuel 26:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɛnna Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa+ nnɛ. Enti afei, mesrɛ wo, ma memfa pea nwɔ no baako pɛ nsi fam, merenwɔ no mprenu.” Luka 9:54 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 54 Berɛ a Yakobo ne Yohane+ a wɔyɛ asuafoɔ no hunuu yei no wɔkaa sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka ma egya+ firi soro bɛtɔre wɔn ase?” Romafoɔ 12:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Adɔfo, monnni mo ho werɛ,+ na mmom monnya mma Onyankopɔn abufuo;+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Aweredie wɔ me; me ara mɛtua ka, Yehowa na ɔseɛ.”+
8 Ɛnna Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa+ nnɛ. Enti afei, mesrɛ wo, ma memfa pea nwɔ no baako pɛ nsi fam, merenwɔ no mprenu.”
54 Berɛ a Yakobo ne Yohane+ a wɔyɛ asuafoɔ no hunuu yei no wɔkaa sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka ma egya+ firi soro bɛtɔre wɔn ase?”
19 Adɔfo, monnni mo ho werɛ,+ na mmom monnya mma Onyankopɔn abufuo;+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Aweredie wɔ me; me ara mɛtua ka, Yehowa na ɔseɛ.”+