Dwom 141:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mma m’akoma nnkɔ adebɔne biara so,+Na me ne nnipa a wɔyɛ amumuyɔdeɛ+Ankɔdi nsɛmmɔne amumuyɔ mu,+Na manni wɔn akɔnnɔduane.+ 1 Korintofoɔ 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na afei meretwerɛ mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ odwamammɔfoɔ anaa odifudepɛfoɔ+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforɔ anaa ɔsabofoɔ+ anaa opoobɔfoɔ mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo. Efesofoɔ 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 na mommfa mo ho mmmɔ wɔn+ nnyɛ sum nnwuma+ a ɛnso aba no bi, na mmom monkɔ so nyi ho ntɛn+ mpo, 2 Yohane 11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na obiara a ɔbɛkyea no no yɛ ne bɔne no fafafoɔ.+ Adiyisɛm 18:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: “Momfiri ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ monya ne bɔne no mu kyɛfa+ na monya ne haw no bi a.
4 Mma m’akoma nnkɔ adebɔne biara so,+Na me ne nnipa a wɔyɛ amumuyɔdeɛ+Ankɔdi nsɛmmɔne amumuyɔ mu,+Na manni wɔn akɔnnɔduane.+
11 Na afei meretwerɛ mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ odwamammɔfoɔ anaa odifudepɛfoɔ+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforɔ anaa ɔsabofoɔ+ anaa opoobɔfoɔ mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.
4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: “Momfiri ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ monya ne bɔne no mu kyɛfa+ na monya ne haw no bi a.