Mateo 14:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnni hwee wɔ ha sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu.”+ Marko 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na n’asuafoɔ no buaa sɛ: “Ɛha a ate ne ho yi, ɛhe na obi bɛtumi anya paanoo a ɛbɛsõ nnipa yi?”+