Mmebusɛm 25:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Sɛ ɛkɔm de deɛ ɔtan wo a, ma no aduane nni; na sɛ sukɔm de no a, ma no nsuo nnom.+ Mateo 5:44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 44 Nanso, mese mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo,+ Luka 6:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforɔ bosea+ a mo ani nna so sɛ mobɛnya biribi akyire yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ ɛfiri sɛ ne yam yɛ+ ma bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ. Romafoɔ 12:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Mmom no, “sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyasramma ano agu n’atifi.”+
35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforɔ bosea+ a mo ani nna so sɛ mobɛnya biribi akyire yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ ɛfiri sɛ ne yam yɛ+ ma bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.
20 Mmom no, “sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyasramma ano agu n’atifi.”+