7 Enti Ɔhene Yehoas frɛɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ne asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na monsiesiee baabi a asɛesɛe wɔ fie hɔ no? Ɛno nti afei monnnyegye sika mmfiri mo amannifoɔ nkyɛn bio, na momfa sika no mma na wɔmfa nsiesie baabi a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.”+