9 Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka+ bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ no mu tokuro de sii afɔrebukyia no nkyɛn wɔ nifa so, deɛ wɔfa ba Yehowa fie no; ɛhɔ na asɔfoɔ no, wɔn a wɔhwɛ pono ano+ no de sika+ a wɔde baa Yehowa fie no nyinaa kɔguiɛ.
41 Na ɔtenaa ase a n’ani tua sika nnaka+ no, na ɔfirii aseɛ hwɛɛ sɛdeɛ nnipakuo no de sika gu sika nnaka no mu; na adefoɔ bebree de sika bebree bɛguu mu.+