12 Na ɔhene de algum nnua yɛɛ dan nnyinasoɔ wɔ Yehowa fie+ ne ahemfie, na ɔde bi nso yɛɛ asankuo+ ne asankuten+ maa nnwontofoɔ no. Ɛde bɛsi nnɛ no, algum nnua a ɛte saa bi mmaa da, na wɔnhunuu ɛso bi bio.
25Bio nso, Dawid ne mpanimfoɔ+ a wɔdeda akuo no ano+ no yii Asaf, Heman+ ne Yedutan+ a wɔde asankuo+ ne asankuten+ ne nnawuta+ hyɛ nkɔm no asefoɔ no bi sɛ wɔmmɛsom. Na wɔn mu na wɔyii mmarima maa wɔyɛɛ ɔsom adwuma.