22 Persia hene+ Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm+ a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores honhom,+ na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro n’ahennie mu nyinaa, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
45Asɛm a Yehowa aka akyerɛ Kores, deɛ wasra no,+ deɛ masɔ ne nsa nifa mu+ sɛ mɛbrɛ aman ase+ na masane ahemfo abɔsoɔ n’anim, na mabue apono a ɛbɔ ho mmienu ama no, na wɔanto kuro apono mu no nie:
10Persia hene Kores+ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar+ no. Ná asɛm no yɛ nokorɛ, na na ɛfa ɛko kɛseɛ bi ho.+ Ɔtee asɛm no ase, na ɔnyaa deɛ ɔhunuiɛ no mu nhunumu.+