Dwom 104:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Wo na wɔn nyinaa hwɛ wo kwan+Sɛ ma wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.+ Dwom 147:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɔno na ɔma mmoa nya wɔn ano aduane,+Na ɔma kwaakwaadabi mma a wɔsu frɛ no daa no aduane.+ Mateo 6:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Monhwɛ ewiem nnomaa;+ wɔngu aba na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduane. Monsom bo pii nsene wɔn anaa?+ Luka 12:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Monhwɛ sɛ nkwaakwaadabi+ ngu aba na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa asan, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane. Mprɛ ahe ara na monsom bo nsene nnomaa?+
26 Monhwɛ ewiem nnomaa;+ wɔngu aba na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduane. Monsom bo pii nsene wɔn anaa?+
24 Monhwɛ sɛ nkwaakwaadabi+ ngu aba na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa asan, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane. Mprɛ ahe ara na monsom bo nsene nnomaa?+