58 Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ rekɔdi asɛm wɔ otumfoɔ bi hɔ a, monam kwan so rekorɔ no, yere wo ho siesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ ɔtemmufoɔ anim, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ asɛnnibea sohwɛfoɔ nsa, na asɛnnibea sohwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase.+