Hiob 14:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?+M’afiase nna* nyinaa mɛtwɛn+Akɔsi sɛ me home bɛba.+ Dwom 19:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ma m’anom nsɛm ne m’akomam nsusuiɛ+Nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan+ ne me Gyefoɔ.+ Dwom 69:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Twe bɛn me bɛgye me kra;+M’atamfo nti, gye me.+ Dwom 103:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔno na ɔgye wo nkwa firi amena mu,+Na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.+ Mmebusɛm 23:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den; ɔno na ɔne wo bɛdi ama wɔn.+ Mateo 20:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 sɛdeɛ onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔrebɛsom+ de ne kra ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree no.”+
28 sɛdeɛ onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔrebɛsom+ de ne kra ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree no.”+