Deuteronomium 24:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Awia kɔtɔ ara a, san fa deɛ ɔde sii awowa no kɔma no+ na ɔmfa ne ntoma nna+ na ɔnhyira wo.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛbu no tenenee ama wo.+ Dwom 132:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee,+Na ma w’anokwafoɔ nto ahurisi dwom.+ Yesaia 61:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+ Efesofoɔ 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Enti monnyina hɔ pintinn na momfa nokorɛ+ mmɔ mo asene,+ na monhyɛ tenenee nkataboɔ,+
13 Awia kɔtɔ ara a, san fa deɛ ɔde sii awowa no kɔma no+ na ɔmfa ne ntoma nna+ na ɔnhyira wo.+ Na Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛbu no tenenee ama wo.+
10 Yehowa mu na mɛdi ahurisie,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani bɛgyeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me,+ na ɔde tenenee batakari awura me+ te sɛ ayeforɔkunu a wabɔ n’abotire sɛ ɔsɔfoɔ,+ te sɛ ayeforɔ a ɔde n’agudeɛ ahyehyɛ ne ho.+