Dwom 39:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Mekaa sɛ: “Mɛhwɛ m’akwan yie+Na mamfa me kɛtrɛma anyɛ bɔne.+Mɛkyekyere m’ano+Berɛ a ɔdebɔneyɛfoɔ wɔ m’anim yi.”+ Mmebusɛm 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔdwoɔ kɛtrɛma yɛ nkwa dua,+ na sɛ ɛkyea a, ɛbubu honhom.+ Yakobo 1:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ nyamesomni+ nanso ɔnto ne kɛtrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa n’akoma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ kwa.+ Yakobo 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ɛyɛ adebɔne a wɔntumi nnwodwo no a awuduro ahyɛ no mã.+
39 Mekaa sɛ: “Mɛhwɛ m’akwan yie+Na mamfa me kɛtrɛma anyɛ bɔne.+Mɛkyekyere m’ano+Berɛ a ɔdebɔneyɛfoɔ wɔ m’anim yi.”+
26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ nyamesomni+ nanso ɔnto ne kɛtrɛma nnareka,+ na mmom ɔkɔ so daadaa n’akoma+ a, onipa a ɔte saa no som yɛ kwa.+
8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ɛyɛ adebɔne a wɔntumi nnwodwo no a awuduro ahyɛ no mã.+