Dwom 54:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafoɔ;+Yehowa wɔ wɔn a wɔsɔ me kra mu no afã. Yesaia 50:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara bɛboa me,+ enti m’anim rengu ase. Mama m’anim ayɛ sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu.+ Hebrifoɔ 13:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro+ ka sɛ: “Yehowa ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+
7 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara bɛboa me,+ enti m’anim rengu ase. Mama m’anim ayɛ sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu.+