6 Akyire yi, Ammonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn+ Dawid. Ɛno nti Ammonfoɔ no soma kɔbɔɔ Siriafoɔ a wɔwɔ Bet-Rehob+ ne Siriafoɔ a wɔwɔ Soba+ paa, mmarima a wɔnam fam mpem aduonu, ne Maaka+ hene nnipa apem ne Istob mmarima mpem dumienu.
19 Berɛ a ahemfo+ a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hunuu sɛ wɔadi nkoguo Israel anim+ no, ɛhɔ ara na wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom wɔn,+ na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛko agye Ammonfoɔ bio.+