Hiob 33:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Wagye me kra na ankɔ amena mu;+Me nkwa nso bɛhunu hann.’ Dwom 16:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na worennya me kra wɔ Adamena* mu.+Woremma wo nokwafoɔ nhunu amena.+ Dwom 30:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O Yehowa, woagye me kra afiri Adamena* mu;+Woama matena nkwa mu, na mankɔ amena mu.+ Dwom 56:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Woagye me kra afiri owuo mu+—Wonyii me nan mfirii asehweɛ mu anaa?+—Na ama masom Onyankopɔn wɔ ateasefoɔ hann mu.+ Dwom 86:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛfiri sɛ w’adɔeɛ dɔɔso ma me,+Na woagye me kra afiri Adamena* bunu mu.+
13 Woagye me kra afiri owuo mu+—Wonyii me nan mfirii asehweɛ mu anaa?+—Na ama masom Onyankopɔn wɔ ateasefoɔ hann mu.+