Dwom 37:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so,+Na ɔbɛma wo so na woanya asase no adi.+Sɛ wɔyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ a, wobɛhunu.+ Dwom 59:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Adɔeɛ Nyankopɔn no de animteɛ bɛhyia me;+Onyankopɔn bɛma m’ani ahwɛ m’atamfo.+ Dwom 91:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 W’ani nko na wode bɛhwɛ,+Na woahunu nnebɔneyɛfoɔ akatua.+ Dwom 92:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 M’ani nso bɛhwɛ m’atamfo;+M’aso bɛte wɔn a wɔsɔre tia me no ho asɛm, nnebɔneyɛfoɔ no.
34 Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so,+Na ɔbɛma wo so na woanya asase no adi.+Sɛ wɔyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ a, wobɛhunu.+