Leviticus 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 me nso mɛma nsuo atɔ ne berɛ mu,+ na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ,+ na wuram nnua aso aba pii.+ Dwom 85:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Yehowa nso, adepa na ɔde bɛma,+Na yɛn asase bɛbɔ ne nnɔbaeɛ.+ Yesaia 30:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Na ɔbɛma nsuo atɔ agu w’aba a woadua+ so na w’asase so nnɔbaeɛ ama wo aduane sɔkyee.+ Na da no, wo mmoa bɛnya asase tɛtrɛɛ adidi so.+ Hesekiel 34:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Na wuram nnua bɛso aba+ na asase abɔ aduane,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mebubu wɔn kɔndua+ mu na megye wɔn firi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.
23 Na ɔbɛma nsuo atɔ agu w’aba a woadua+ so na w’asase so nnɔbaeɛ ama wo aduane sɔkyee.+ Na da no, wo mmoa bɛnya asase tɛtrɛɛ adidi so.+
27 Na wuram nnua bɛso aba+ na asase abɔ aduane,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mebubu wɔn kɔndua+ mu na megye wɔn firi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.