2 Samuel 22:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 Yehowa te ase;+ nhyira nka me Botantim+ no,Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma ne so.+ Dwom 18:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+ Luka 23:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Ɔkaa yei no ɔgyaa mu.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+