Dwom 16:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Mede Yehowa asi m’anim daa.+Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.+ Dwom 55:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Dane w’adesoa to Yehowa so,+Na ɔbɛsɔ wo mu.+Ɔremma ɔteneneeni nhinhim da.+ Mmebusɛm 12:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Onipa biara ase rentim amumuyɔ mu,+ na ateneneefoɔ deɛ, wɔn nhini rentutu+ ara da. 2 Petro 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yei nti, anuanom, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma frɛ a wɔafrɛ+ mo ne yi a wɔayi+ mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.+
10 Yei nti, anuanom, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma frɛ a wɔafrɛ+ mo ne yi a wɔayi+ mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.+