Dwom 36:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 O Yehowa, w’adɔeɛ wɔ soro;+Wo nokorɛ kɔduru mununkum mu.+ Dwom 57:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛfiri sɛ w’adɔeɛ sõ kɔduru soro,+Na wo nokorɛ kɔduru mununkum mu.+ Dwom 103:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Sɛdeɛ ɔsoro ware sene asase no,+Saa na n’adɔeɛ boro so ma wɔn a wɔsuro no.+