Dwom 33:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Ateneneefoɔ, Yehowa nti monni ahurisie.+Ɛfata sɛ teefoɔ yi no ayɛ.+ Dwom 103:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Yehowa asafodɔm nyinaa, monhyira no,+Mo a mosom no na moyɛ n’apɛdeɛ no.+ Efesofoɔ 5:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 na momfa nnwom+ ne ayeyie+ ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho, na monto dwom+ nnyegye ho+ mo akoma mu mma Yehowa, Adiyisɛm 19:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei ɛnne bi firi ahennwa no so baa sɛ: “Monyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a mosuro no nyinaa, nketewa ne akɛseɛ.”+
19 na momfa nnwom+ ne ayeyie+ ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho, na monto dwom+ nnyegye ho+ mo akoma mu mma Yehowa,
5 Afei ɛnne bi firi ahennwa no so baa sɛ: “Monyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a mosuro no nyinaa, nketewa ne akɛseɛ.”+