Dwom 69:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 O Yehowa, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ.+Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti dane w’ani kyerɛ me,+ Dwom 103:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Sɛdeɛ ɔsoro ware sene asase no,+Saa na n’adɔeɛ boro so ma wɔn a wɔsuro no.+ Luka 18:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na togyeni no a ɔgyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne tiri so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko+ ara kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfoɔ+ yi mmɔbɔ.’
13 Na togyeni no a ɔgyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne tiri so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko+ ara kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfoɔ+ yi mmɔbɔ.’