2 Enti sɛ worekɔyɛ adɔeɛ+ a, nhyɛne totorobɛnto+ nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn animuonyam no. Nokorɛm mese mo sɛ, Wɔanya wɔn akatua nyinaa awie.
11 Farisini no sɔre gyinaeɛ+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ+ yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfoɔ, wɔn a wɔntene, awaresɛefoɔ, anaasɛ togyeni yi mpo.+