Deuteronomium 32:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Aweredie wɔ me, na me na mɛtua ka.+Berɛ duru a, wɔn nan bɛkeka abom,+Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+ Mmebusɛm 24:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Nka sɛ: “Sɛ ɔyɛɛ me no, saa ara na mɛyɛ no.+ Mɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.”+ Mateo 5:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Ani nsi ani ananmu na ɛse nsi ɛse ananmu.’+ Romafoɔ 12:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Monnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. 1 Tesalonikafoɔ 5:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka,+ na mmom berɛ nyinaa monhwehwɛ deɛ ɛyɛ mma mo ho mo ho ne afoforɔ nyinaa.+ 1 Petro 3:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 na mommfa bɔne nntua bɔne ka,+ nso mommfa nsopa nntua nsopa ka,+ na mmom monhyira,+ ɛfiri sɛ yei nti na wɔfrɛɛ mo na mo nsa aka nhyira.
35 Aweredie wɔ me, na me na mɛtua ka.+Berɛ duru a, wɔn nan bɛkeka abom,+Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu abɛn,+Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’+
15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka,+ na mmom berɛ nyinaa monhwehwɛ deɛ ɛyɛ mma mo ho mo ho ne afoforɔ nyinaa.+
9 na mommfa bɔne nntua bɔne ka,+ nso mommfa nsopa nntua nsopa ka,+ na mmom monhyira,+ ɛfiri sɛ yei nti na wɔfrɛɛ mo na mo nsa aka nhyira.