Mmebusɛm 9:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Deɛ ɔtene ɔfɛdifoɔ soɔ no nya animguaseɛ,+ na deɛ ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefoɔ no—asɛm ba ne ho.+ Mmebusɛm 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mma ɔkwasea mmuaeɛ sɛdeɛ ne nkwaseasɛm teɛ, na woanyɛ sɛ ɔno.+ Yesaia 36:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Nanso wɔyɛɛ komm na wɔanka asɛm biara,+ ɛfiri sɛ na ɔhene aka sɛ: “Mommmua no.”+ Asomafoɔ Nnwuma 13:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Enti, Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: “Ná ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kane.+ Nanso ɛsiane sɛ mopia to nkyɛn+ na mommu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredane akɔ amanaman no nkyɛn.+
46 Enti, Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: “Ná ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kane.+ Nanso ɛsiane sɛ mopia to nkyɛn+ na mommu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredane akɔ amanaman no nkyɛn.+