1 Samuel 23:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne.+ Enti ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa asɔfotadeɛ no bra ha.”+ Dwom 38:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Wɔn a wɔhwehwɛ me kra no sum me fidie,+Na wɔn a wɔpɛ sɛ mmusuo ba me soɔ no ka amanehunu ho asɛm.+Wɔka nnaadaasɛm da mũ nyinaa.+ Mmebusɛm 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔbɛka sɛ: “Bra ma yɛnkɔ. Ma yɛnkɔhunta nhwie mogya ngu.+ Ma yɛnkɔtɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm kwa.+ Mmebusɛm 15:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Ɔteneneeni akoma dwene ansa na ama mmuaeɛ,+ na amumuyɔfoɔ ano woro nsɛmmɔne.+ Mateo 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 na wɔbɔɔ pɔ+ sɛ wɔnam aniteɛ kwan so bɛkye Yesu na wɔaku no.
9 Na Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne.+ Enti ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa asɔfotadeɛ no bra ha.”+
12 Wɔn a wɔhwehwɛ me kra no sum me fidie,+Na wɔn a wɔpɛ sɛ mmusuo ba me soɔ no ka amanehunu ho asɛm.+Wɔka nnaadaasɛm da mũ nyinaa.+