Exodus 20:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Nni wo yɔnko ho adansekunumu.+ Dwom 52:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wo kɛtrɛma dwene amumuyɔ ho sɛ yiwan a wɔase ano,+Nnaadaa nnwuma na ɛyɛ.+ Dwom 57:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Me kra da agyata mu;+Wɔn a wɔmene me, nnipa mma mu na meda,Wɔn sẽ te sɛ mpea ne agyan,+Na wɔn kɛtrɛma te sɛ nkrantɛ nnamnam.+ Dwom 120:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O kɛtrɛma daadaafoɔ,+Ɛdeɛn na wɔde bɛma woɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛka wo ho? Dwom 140:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wɔase wɔn kɛtrɛma ano sɛ ɔwɔ;+Ahuritia borɔ wɔ wɔn anom.+ Sela. Yeremia 9:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wɔkuntunu wɔn kɛtrɛma mu sɛ agyan de di atorɔ,+ na wɔnni nokorɛ asase no so. “Wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔbu wɔn ani gu me so,”+ Yehowa asɛm nie. Yakobo 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Kɛtrɛma yɛ egya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɔ ahyɛ no mã, ɛfiri sɛ ɛde nkekaeɛ ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde egya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.
4 Me kra da agyata mu;+Wɔn a wɔmene me, nnipa mma mu na meda,Wɔn sẽ te sɛ mpea ne agyan,+Na wɔn kɛtrɛma te sɛ nkrantɛ nnamnam.+
3 Wɔkuntunu wɔn kɛtrɛma mu sɛ agyan de di atorɔ,+ na wɔnni nokorɛ asase no so. “Wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔbu wɔn ani gu me so,”+ Yehowa asɛm nie.
6 Kɛtrɛma yɛ egya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɔ ahyɛ no mã, ɛfiri sɛ ɛde nkekaeɛ ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde egya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.