Mmebusɛm 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ,+ na nkwaseafoɔ akoma deɛ, ɛnte saa.+ Yesaia 50:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara ama me asuafoɔ kɛtrɛma+ na mahunu asɛm a mede bɛbua deɛ wabrɛ.+ Anɔpa biara ɔnyane me, ɔnyane m’aso ma metie sɛ asuafoɔ.+ Luka 4:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+
4 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara ama me asuafoɔ kɛtrɛma+ na mahunu asɛm a mede bɛbua deɛ wabrɛ.+ Anɔpa biara ɔnyane me, ɔnyane m’aso ma metie sɛ asuafoɔ.+
22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+