Hesekiel 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 “‘Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho kɔdi amumuyɔsɛm,+ na ɔyɛ akyiwadeɛ a ɔbɔnefoɔ yɛ no nyinaa bi+ na ɔda so te ase a, wɔrenkae adetenenee a wayɛ no biara.+ N’amumuyɔ ne ne bɔne nti, ɔbɛwu.+ Hesekiel 33:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwan so na wansan a, ɔbɛwu n’amumuyɔ mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo kra.+ 2 Tesalonikafoɔ 1:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Deɛ enti a yei te saa ne sɛ ɛtene Onyankopɔn fam sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,+ 1 Petro 4:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Na sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye ɔteneneeni mpo a,+ ɛnneɛ ɛhe na omumuyɔfoɔ ne ɔbɔnefoɔ bɛgyina?”+
24 “‘Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho kɔdi amumuyɔsɛm,+ na ɔyɛ akyiwadeɛ a ɔbɔnefoɔ yɛ no nyinaa bi+ na ɔda so te ase a, wɔrenkae adetenenee a wayɛ no biara.+ N’amumuyɔ ne ne bɔne nti, ɔbɛwu.+
9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwan so na wansan a, ɔbɛwu n’amumuyɔ mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo kra.+