Genesis 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 nanso Kain ne n’afɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ.+ Afei Kain bo fuu+ dendeenden na ɔkunkum n’anim. Mateo 27:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ná ɔnim sɛ ahoɔyaa+ nti na wɔde no abrɛ no.+ Galatifoɔ 5:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Mommma yɛmmpɛ animuonyamhunu, nnsi akan,+ mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.+ Yakobo 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Anaa mosusu sɛ twerɛsɛm no kaa no kwa sɛ: “Anibereɛ ne adeɛ a honhom+ a ɛte yɛn mu no kɔn dɔ”? 1 Yohane 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri ɔbɔnefoɔ no mu na ɔkum+ ne nua no. Na adɛn nti na ɔkum no? Ɛfiri sɛ na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne,+ na ne nua no deɛ tene.+
12 ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri ɔbɔnefoɔ no mu na ɔkum+ ne nua no. Na adɛn nti na ɔkum no? Ɛfiri sɛ na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne,+ na ne nua no deɛ tene.+