Dwom 34:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Agyataforɔ mpo, adeɛ tumi hia wɔn ma ɛkɔm de wɔn;+Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa deɛ, adepa biara remmɔ wɔn.+ Dwom 37:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akɔkoraa,+Nanso menhunuu onipa tenenee a wɔagya no,+Anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.+ Dwom 111:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Wama wɔn a wɔsuro no no aduane.+ י [Yohdh]Ɔbɛkae n’apam daa.+ Luka 12:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Mmom monkɔ so nhwehwɛ n’ahennie, na wɔde saa nneɛma yi bɛka mo ho.+
10 Agyataforɔ mpo, adeɛ tumi hia wɔn ma ɛkɔm de wɔn;+Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa deɛ, adepa biara remmɔ wɔn.+
25 Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akɔkoraa,+Nanso menhunuu onipa tenenee a wɔagya no,+Anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.+