Dwom 28:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,+Ne sɛdeɛ wɔn nnebɔne teɛ.+Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nsa ano adwuma teɛ.+Tua wɔn nneyɛɛ so ka.+ Dwom 62:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Adɔeɛ nso yɛ wo dea, O Yehowa,+Na wo na wotua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+ 2 Korintofoɔ 5:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na ɛtwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmuo adwa anim,+ na obiara anya deɛ ɔnam nipadua no so yɛeɛ ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+ 2 Timoteo 4:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Aleksandro+ a ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ no yɛɛ me bɔne pii—Yehowa bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ+— Yakobo 2:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na deɛ ɔnhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmuo mu. Mmɔborɔhunu di atemmuo so nkonim.
4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ teɛ,+Ne sɛdeɛ wɔn nnebɔne teɛ.+Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nsa ano adwuma teɛ.+Tua wɔn nneyɛɛ so ka.+
10 Na ɛtwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmuo adwa anim,+ na obiara anya deɛ ɔnam nipadua no so yɛeɛ ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+