15 “Wo a anka wɔagya wo ato hɔ koraa na wɔtan woɔ a obiara mfa wo kwan soɔ no,+ mɛma woayɛ ahohoahoadeɛ daa na woayɛ ahurisidie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
11 Na ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nnompe yi gyina hɔ ma Israel fie nyinaa.+ Wɔka sɛ, ‘Yɛn nnompe ho awo wesee, na yɛn anidasoɔ ayera.+ Wɔato yɛn asaworam.’