Dwom 71:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Wo na mefiri yafunu mu matwere woɔ;+Wo na woyii me firii me maame yam.+Wo na mɛyi wo ayɛ daa.+ Yesaia 49:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 Nsuano aman,+ montie me; aman a mowɔ akyirikyiri,+ monyɛ aso. Yehowa no ara na ɔfrɛɛ me+ firii yafunu mu.+ Berɛ a mewɔ me maame yam na ɔbɔɔ me din.+ Yeremia 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “Berɛ a mennya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na meni wo,+ na wonnya mfirii awotwaa mu mmaeɛ no na metee wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifoɔ maa amanaman no.”
49 Nsuano aman,+ montie me; aman a mowɔ akyirikyiri,+ monyɛ aso. Yehowa no ara na ɔfrɛɛ me+ firii yafunu mu.+ Berɛ a mewɔ me maame yam na ɔbɔɔ me din.+
5 “Berɛ a mennya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na meni wo,+ na wonnya mfirii awotwaa mu mmaeɛ no na metee wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifoɔ maa amanaman no.”