Dwom 119:105 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,+Ne me kwan so hann.+ Mmebusɛm 6:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Na mmara nsɛm no yɛ kanea,+ mmara no yɛ hann,+ na ntenesoɔ ne kasakyerɛ yɛ nkwa kwan;+ Mateo 12:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, deɛ medɔ no+ a me kra agye no atom! Mede me honhom bɛgu ne so,+ na ɔbɛma amanaman no ahunu atɛntenenee pefee.
18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, deɛ medɔ no+ a me kra agye no atom! Mede me honhom bɛgu ne so,+ na ɔbɛma amanaman no ahunu atɛntenenee pefee.