Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 28:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Ɛnna mmarima a wɔbobɔɔ wɔn din+ yiyii wɔn no sɔreeɛ, na wɔfaa nnommum no, na wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no bi hyehyɛɛ wɔn. Enti wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ+ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane+ ne deɛ wɔbɛnom,+ na wɔsraa wɔn. Afei nso, wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa, wɔde wɔn tenatenaa mfunumu so+ de wɔn baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Yeriko,+ mmɛ kuro+ no mu. Ɛno akyi no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Samaria.+

  • Hesekiel 18:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 sɛ wantan obiara ani+ na ɔde ohiani awowadeɛ san ma no,+ na ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no+ na ɔfira deɛ ne ho da soɔ ntoma;+

  • Mateo 25:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 medaa adagya+ na momaa me biribi kataa me ho. Meyareeɛ na mohwɛɛ me. Medaa afiase+ na mobaa me nkyɛn.’

  • Yakobo 2:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Sɛ onuabarima anaa onuabaa bi da adagya na ɔnni aduane a ɛbɛso no da no mpo,+

  • 1 Yohane 3:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Na obiara a ɔwɔ wiase asetenadeɛ+ na ɔhunu sɛ ahia ne nua+ na ɔnhu no mmɔbɔ no,+ Onyankopɔn dɔ te ne mu sɛn?+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane