18 na woabue wɔn ani,+ adane wɔn afiri esum+ mu aba hann+ mu, na wɔafiri Satan tumi+ mu aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fafirie+ ne agyapadeɛ+ wɔ wɔn a wɔnam me mu gyidie so ate+ wɔn ho no mu.’
21 ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase+ nso, mmom no, wɔsusuu nsɛnhuhuo+ ho, na wɔn akoma a asene no duruu sum.+
9 Nanso mo deɛ, moyɛ “abusua a wɔayi mo, adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapadeɛ soronko,+ sɛ monka” deɛ ɔfrɛɛ mo firii sum mu baa ne hann nwanwasoɔ+ mu no “nneyɛɛ pa nkyerɛ.”+