11 Na sɛdeɛ asase so afifideɛ fefɛ, na turo mu nneɛma a wɔadua fifi no,+ saa ara na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛma tenenee+ ne ayeyie afifiri aman nyinaa anim.+
9 Na kuro no bɛyɛ ahurisie din ama me,+ ne ayeyie ne ade fɛfɛ ama asase so aman a wɔbɛte adepa a mɛyɛ ama wɔn no nyinaa.+ Na adepa ne asomdwoeɛ a mɛma wɔanya nti,+ aman no akoma bɛtu+ na wɔn ho awoso.’”+
19 Saa berɛ no, mɛkanyan me ho wɔ wɔn a wɔha woɔ no nyinaa so.+ Mɛgye deɛ ɔtɔ gu ne nan soɔ no+ na maka wɔn a wɔahweteɛ no aboa ano.+ Na mede wɔn bɛyɛ ayeyie ne edin wɔ asase a wɔn anim guu ase wɔ soɔ no nyinaa so.