2 Adɛn nti na mebaeɛ no na obiara nni hɔ?+ Na adɛn nti na mefrɛeɛ no obiara annye soɔ?+ Me nsa yɛ tia sɛ ɛbɛgye mo,+ anaa menni tumi a mede bɛyi mo? Hwɛ, mede m’animka+ ma po we,+ na mema nsubɔnten dane serɛ.+ Na emu nam bɔn, ɛfiri sɛ nsuo nnim; na sukɔm nti, wɔwuwu.+
4 Na me nso mɛfa akwan hodoɔ so atan wɔn ani,+ na nneɛma a wɔsuro na mede bɛba wɔn soɔ,+ ɛfiri sɛ mefrɛeɛ, na obiara annye so, mekasaeɛ, nanso obiara antie.+ Na wɔkɔɔ so yɛɛ adebɔne wɔ m’ani so, na deɛ m’ani nnye ho na wɔyiiɛ.”+