Yesaia 60:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Aman bɛba wo kanea+ ho na ahemfo+ aba wo hann a ɛhyerɛn no ho.+ Romafoɔ 15:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na bio nso Yesaia ka sɛ: “Yese nhini bɛba,+ na obi bɛsɔre abɛdi amanaman so;+ ɔno na amanaman de wɔn ani bɛto ne soɔ.”+ Adiyisɛm 7:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri amanaman+ ne mmusuakuo ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahennwa+ no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wɔkurakura berɛ.+
12 Na bio nso Yesaia ka sɛ: “Yese nhini bɛba,+ na obi bɛsɔre abɛdi amanaman so;+ ɔno na amanaman de wɔn ani bɛto ne soɔ.”+
9 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri amanaman+ ne mmusuakuo ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahennwa+ no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wɔkurakura berɛ.+