Mmebusɛm 4:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii;+ wɔnnim deɛ ɛma wɔkɔ so sunti.+ Sefania 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Saa da no yɛ abufuhyeɛ da, ahohia ne ahoyera da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ mununkum ne esum kabii da, Mateo 8:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 na ahennie mma+ no deɛ, wɔbɛto wɔn agu abɔnten wɔ sum mu. Ɛhɔ na wɔbɛsu atwɛre wɔn sẽ.”+
15 Saa da no yɛ abufuhyeɛ da, ahohia ne ahoyera da,+ ahum ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da,+ mununkum ne esum kabii da,