3 Na ka kyerɛ Ammonfoɔ sɛ, ‘Montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ wokaa sɛ Ahaa! berɛ a wɔhuraa me kronkronbea ho, ne berɛ a Israel asase danee amamfõ, ne berɛ a Yuda fie kɔɔ nkoasom mu nti,+
3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+ asuboa kɛseɛ+ a woda Nil asuasu mu,+ wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea, na me ara na meyɛ faeɛ’+ no.