2 Ɔbɛfifi sɛ duban+ wɔ n’anim, te sɛ nhini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na ɔnni animuonyam,+ na yɛhu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+
5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ nhini no,+ adi nkonim+ a enti ɔbɛtumi abue nwoma no mu ayi ne nsɔano nson no.”
16 “‘Me, Yesu, na mesomaa me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi yeinom ho adanseɛ nkyerɛ mo mma asafo ahodoɔ no. Mene Dawid nhini+ ne n’aseni,+ adekyeeɛ nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”