Deuteronomium 4:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 ɛnneɛ ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa mo afiri so.+ Deuteronomium 32:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 “Ɔsoro, yɛ aso na menkasa;Asase nso ntie m’anom asɛm.+ Yesaia 1:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɔsoro tie,+ asase yɛ aso, na Yehowa aka sɛ: “Mayɛn mma ama wɔanyinyini,+ nanso wɔate me so atua.+ Yesaia 34:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Aman, mommra mmɛtie;+ amanaman,+ monyɛ aso. Asase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,+ wiase+ ne deɛ ɛwom nyinaa.+ Yeremia 6:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Asase, yɛ aso ɛ! Hwɛ, mede amanehunu reba ɔman+ yi so sɛ wɔn nsusuiɛ so aba,+ ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔpoeɛ.”+ Mika 1:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Aman nyinaa montie; asase ne deɛ ɛwom nyinaa+ nyɛ aso, na momma Awurade Tumfoɔ Yehowa nni adanseɛ+ ntia mo wɔ Yehowa asɔrefie+ kronkron mu hɔ.
26 ɛnneɛ ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa mo afiri so.+
34 Aman, mommra mmɛtie;+ amanaman,+ monyɛ aso. Asase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,+ wiase+ ne deɛ ɛwom nyinaa.+
19 Asase, yɛ aso ɛ! Hwɛ, mede amanehunu reba ɔman+ yi so sɛ wɔn nsusuiɛ so aba,+ ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔpoeɛ.”+
2 “Aman nyinaa montie; asase ne deɛ ɛwom nyinaa+ nyɛ aso, na momma Awurade Tumfoɔ Yehowa nni adanseɛ+ ntia mo wɔ Yehowa asɔrefie+ kronkron mu hɔ.